Psalms 87

Koramma dwom.

1Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;

2 Awurade dɔ Sion apon no
sen Yakob atenae nyinaa.

3 Wɔka wo ho anuonyamsɛm
Onyankopɔn kuropɔn:

4 “Mede Rahab ne Babilonia
bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho,
Filistia, Tiro ne Kus nso
na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’ ”


5 Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se,
“Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu,
na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.”

6 Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se,
“Wɔwoo oyi wɔ Sion.”

Na wɔbɛto dwom se,
“Me ntin nyinaa wɔ wo mu.”

Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so.

7
Copyright information for TwiAKNA